Psalms 109

Ɔhaw mu anwiinwii

1Mekamfo wo,
Onyankopɔn; nyɛ komm!
2Amumɔyɛfo ne atorofo aba me so.
Wɔka atorosɛm fa me ho,
3na wɔka bɔne fa me ho, taa me so kwa.
4Ɛwom sɛ medɔ wɔn, bɔ mpae ma wɔn, nanso wotia me.
5Papa a meyɛ no, wɔde bɔne tua me so ka, na ɔdɔ a medɔ wɔn no, wɔde ɔtan tua me so ka.
6Hwehwɛ ɔtemmufo bɔne na onni me tamfo asɛm, na ma ɔno ara nʼatamfo no mu baako nkasa ntia no.
7Ma wonni nʼasɛm na wommu no fɔ; ne mpaebɔ mpo, ma wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi!
8Ma ne nkwa nna to ntwa; ma ɔfoforo nyɛ nʼadwuma!
9Ma ne mma nyɛ nnyanka na ne yere nyɛ okunafo.
10Ma ne mma nyɛ adesrɛfo a wonni baabi te; ma wɔmpam wɔn mfi amamfo a wɔte hɔ no.
11Ma nʼadefirifo mmɛsesaw nʼagyapade nyinaa, na ma amamfrafo nya dwuma biara a odii ho mfaso.
12Mma obiara nnhu no mmɔbɔ.
Mma obiara nnhu nnyanka a ogyaw wɔn akyiri no nso mmɔbɔ.
13Ma nʼasefo nyinaa nwuwu na ma wɔn werɛ mfi ne din wɔ nkyirimma a wɔreba no mu.
14 Awurade, nkae nʼasefo na wɔmmfa ne na bɔne mmfiri no da biara da.
15 Awurade nkae wɔn bɔne daa na wɔn de, ɛnsɛ sɛ obiara kae wɔn da biara da.
16Saa onipa no annwene atirimɔmmerɛw ho; ɔtaa ahiafo, mmɔborɔfo ne wɔn a wonni aboafo kum wɔn.
17Ɔpɛɛ nnome, enti wɔnnome no!
Na onhyira, enti obi nso renhyira no!
18Na ɔdome te sɛ nea ɔrehyɛ atade, enti ɔno ara ne nnome no nnonom nkɔ ne nipadua mu sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo!
19Ma wɔnkata ne ho sɛ ntade na entwa ne ho nhyia sɛ abɔso!
20 Awurade, twe mʼatamfo aso saa kwan no so, wɔn a wɔka nsɛmmɔne tia me no.
21Nanso, wo Awurade me Nyankopɔn, boa me sɛnea woahyɛ me bɔ no na esiane wo dɔ mu ade pa nti, gye me.
22Ahia me na minni biribiara.
Me koma mu hyehye me.
23Mete sɛ anwummere sunsuma a ɛreyɛ ayera; mframa bɔ me sɛ aboawa.
24Aduan a minnya nti, me kotodwe mu agugow; menyɛ hwee sɛ ɔhonam ne nnompe kɛkɛ.
25Sɛ nnipa hu me a, wɔserew me; wɔwosow wɔn ti di me ho fɛw.
26Boa me,
O Awurade me Nyankopɔn; wo dɔ a ɛnsa da no nti, gye me!
27Ma mʼatamfo nhu sɛ wo ne me gyefo.
28Wɔbɛdome me, nanso wubehyira me.
Ma wɔn a wɔtaa me no nni nkogu, na ma me a meyɛ wo somfo no ani nnye.
29Ma animguase nnura mʼatamfo ho; ma wɔnhyɛ animguase no sɛ atade.
30Mɛda Awurade ase.
Mɛkamfo no wɔ ne baguafo anim
31efisɛ, ɔbɔ ohiani ho ban na ogye no fi wɔn a wɔabu no kumfɔ nsam.
Copyright information for TwiNAK